Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hagai 1 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Asɔredan Sie Ho Nkaebɔ

1 Ɔbosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛdi ɛkan wɔ Ɔhene Dario adedie afe a ɛtɔ so mmienu so no, Awurade nam Odiyifoɔ Hagai so, de asɛm maa Sealtiel babarima ne Yuda amrado Serubabel ne Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua.

2 Asɛm a Asafo Awurade ka nie: “Nnipa no reka sɛ, ‘Ɛberɛ no nnya nnuruiɛ sɛ wɔsi Awurade fie no.’ ”

3 Afei, Awurade de saa asɛm yi faa Odiyifoɔ Hagai so:

4 “Saa ɛberɛ yi a me fie yi abubuo yi, ɛna mo deɛ motete mo afie a wɔaduradura mu yi anaa?”

5 Asɛm a, Asafo Awurade ka nie: “Monnwene mo akwan ho yie.

6 Moduaa bebree, nanso motwaa kakraa bi. Modidi, nanso mommee. Monom, nanso osukɔm de mo ara. Mohyɛ ntadeɛ, nanso ɛnka mo hye. Monya akatua, na mode gu sikabɔtɔ a wɔatuetue mu ntokuro mu.”

7 Asɛm a Otumfoɔ Awurade ka nie: “Monnwene mo akwan ho yie.

8 Afei, momforo nkɔ nkokoɔ no atifi, na momfa nnua mmra mmɛsi me fie no. Na mʼani bɛgye ho, na wɔahyɛ me animuonyam.” Saa na Awurade ka.

9 “Mo ani daa bebree so, nanso ɛyɛɛ kakraa bi. Na mode baa fie no, mehu guiɛ. Ɛdeɛn ntira?” Ɛfiri sɛ, “me fie abubu.” Saa na Asafo Awurade ka, “ɛberɛ a mo ani abere resisi mo afie.

10 Mo enti na ɔsoro akyere ɛbɔ agyina, na asase nso akyere mo mfudeɛ.

11 Mahyɛ ɔpɛ sɛ ɛnsi mo mfuo ne nkokoɔ so; ɔpɛ a ɛbɛhye mo atokoɔ ne mo bobe ne mo ngo dua ne mo mfudeɛ, ɛbɛyɛ ɔpɛ a ɛbɛsi mo ne mo anantwie mu, na asɛe dwuma biara a mode mo nsa adi.”


Nkaebɔ No So Die

12 Ɛnna Sealtiel babarima Serubabel, Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ nkaeɛ no tiee asɛm a ɛfiri Awurade, wɔn Onyankopɔn, ne Odiyifoɔ Hagai a Awurade, wɔn Onyankopɔn, asoma no no. Na nnipa no de osuro maa Awurade.

13 Na Hagai, Awurade somafoɔ no, de saa asɛm yi a ɛfiri Awurade nkyɛn maa nkurɔfoɔ no: “Meka mo ho.” Saa na Awurade seɛ.

14 Ɛno enti, Awurade kanyanee Sealtiel babarima Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado, Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ nkaeɛ no nyinaa. Wɔbɛhyɛɛ wɔn adwuma a ɛwɔ Asafo Awurade, wɔn Onyankopɔn, fie no ase,

15 wɔ Ɔhene Dario adedie afe a ɛtɔ so mmienu no, ɔbosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛtɔ so aduonu ɛnan no.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan