Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Esra 2 - Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yeinom ne Yudafoɔ nnommumfoɔ a wɔwɔ amantam no mu a wɔfiri nnommum mu baa Yerusalem ne Yuda nkuro bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia.

2 Na wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana. Israel mmarima a wɔfiri asutwa mu baeɛ no dodoɔ nie:

3 Dodoɔ a wɔyɛ Paros abusuafoɔ 2,172

4 Sefatia abusuafoɔ 372

5 Arah abusuafoɔ 775

6 Pahat-Moab abusuafoɔ (Yesua ne Yoab asefoɔ) 2,812

7 Elam abusuafoɔ 1,254

8 Satu abusuafoɔ 945

9 Sakai abusuafoɔ 760

10 Bani abusuafoɔ 642

11 Bebai abusuafoɔ 623

12 Asgad abusuafoɔ 1,222

13 Adonikam abusuafoɔ 666

14 Bigwai abusuafoɔ 2,056

15 Adin abusuafoɔ 454

16 Ater abusuafoɔ (Hesekia asefoɔ) 98

17 Besai abusuafoɔ 323

18 Yora abusuafoɔ 112

19 Hasum abusuafoɔ 223

20 Gibar abusuafoɔ 95

21 Betlehemfoɔ 123

22 Netofafoɔ 56

23 Anatotfoɔ 128

24 Asmawetfoɔ 42

25 Kiriat-Yearimfoɔ, Kefirafoɔ ne Beerotfoɔ 743

26 Ramafoɔ ne Gebafoɔ 621

27 Mikmasfoɔ 122

28 Bet-Elfoɔ ne Aifoɔ 223

29 Nebo ɔman mma 52

30 Magbis ɔman 156

31 Elam ɔman mma 1,254

32 Harim ɔman mma 320

33 Lod, Hadid ne Ono ɔman mma 725

34 Yeriko ɔman mma 345

35 Senaa ɔman mma 3,630

36 Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ: Yedaia abusuafoɔ (a ɛfa Yesua fiefoɔ) 973

37 Imer abusuafoɔ 1,052

38 Pashur abusuafoɔ 1,247

39 Harim abusuafoɔ 1,017

40 Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ: Yesua ne Kadmiel abusuafoɔ (Hodawia asefoɔ) 74

41 Nnwontofoɔ: Asafabusuafoɔ 128

42 Aponoanohwɛfoɔ: Salum, Ater, Talmon abusuafoɔ Akub, Hatita ne Sobai abusuafoɔ 139

43 Asɔredan asomfoɔ: Siha, Hasufa, Tabaot asefoɔ,

44 Keros, Siaha, Padon asefoɔ,

45 Lebana, Hagaba, Akub asefoɔ,

46 Hagab, Salmai, Hanan asefoɔ,

47 Gidel, Gahar, Reaia asefoɔ,

48 Resin, Nekoda, Gasam asefoɔ,

49 Usa, Paseah, Besai asefoɔ,

50 Asna, Meunim, Nefus asefoɔ,

51 Bakbuk, Hakufa, Harhur asefoɔ,

52 Baslut, Mehida, Harsa asefoɔ,

53 Barkos, Sisera, Tema asefoɔ,

54 Nesia ne Hatifa.

55 Ɔhene Salomo asomfoɔ asefoɔ yi nso firi asutwa mu baeɛ: Sotai, Hasoferet, Peruda asefoɔ,

56 Yaala, Darkon, Gidel asefoɔ,

57 Sefatia, Hatil, Pokeret-Hasebaim ne Ami.

58 Ne nyinaa mu, na asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asefoɔ asomfoɔ no dodoɔ yɛ 392

59 Saa ɛberɛ no, nnipakuo foforɔ a wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkuro so sane baa Yerusalem. Nanso, wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ yɛ Israel asefoɔ. Saa nnipakuo yi ne:

60 Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodoɔ yɛ 652

61 Asɔfoɔ mmusua mmiɛnsa: Habaia, Hakos ne Barsilai no nso sane baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ɔfiri Gilead no mmammaa no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.)

62 Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho kwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ.

63 Na amrado no hyɛɛ wɔn sɛ mma wɔn ne asɔfoɔ no nni afɔrebɔ nnuane no, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho.

64 Enti, nnipa dodoɔ a wɔsane baa Yuda no yɛ mpem aduanan mmienu ne ahasa aduosia (42,360),

65 a asomfoɔ mpem nson ahasa aduasa nson (7,337) nka ho, ne nnwomtofoɔ ahanu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmaa.

66 Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa nsia (736), mfunumu ahanu aduanan enum (245),

67 nyoma ahanan aduasa enum (435) ne mfunumpɔnkɔ mpem nsia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔeɛ.

68 Ɛberɛ a wɔduruu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofoɔ no bi firii akoma pa mu yii ntoboa a wɔde bɛsiesie Awurade asɔredan no wɔ ne siberɛ dada mu hɔ.

69 Na ntuanoni biara maa deɛ ɔbɛtumi. Akyɛdeɛ a wɔde maeɛ no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika pranpran ɔpeduosia baako (61,000), dwetɛ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa (3,000) ne asɔfotadeɛ ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfoɔ.

70 Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, nnwomtofoɔ, aponoanohwɛfoɔ, asɔredan mu asomfoɔ ne ɔman mma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem. Nkaeɛ no sane kɔɔ Yuda nkuro afoforɔ bi a wɔfifirii hɔ baeɛ no so.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan