Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Amos 3 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Wɔfrɛ Adansefoɔ Tia Israel

1 Montie saa asɛm a Awurade aka atia mo yi, Ao, Israelfoɔ, deɛ ɛtia abusua a meyii wɔn firii Misraim no nyinaa:

2 “Mo nko ara na mayi mo wɔ mmusua a ɛwɔ asase so nyinaa mu; enti mɛtwe mo aso wɔ mo bɔne nyinaa ho.”

3 Nnipa baanu bɛtumi abom anante, wɔ ɛberɛ a wɔnyɛɛ anokorɔ anaa?

4 Gyata bobom wɔ dɔtɔ ase wɔ ɛberɛ a ɔnhunuu ahaboa biara anaa? Ɔpɔ so wɔ ne buo mu wɔ ɛberɛ a ɔnkyeree ahaboa biara anaa?

5 Anomaa bɛtɔ afidie mu wɔ fam wɔ baabi a wɔnnsum afidie anaa? Afidie hwan wɔ ɛberɛ a ɛnyii aboa anaa?

6 Sɛ wɔhyɛn totorobɛnto wɔ kuropɔn mu a nnipa no ho mpopo anaa? Sɛ atoyerɛnkyɛm ba kuropɔn bi mu a ɛnyɛ Awurade na ɔyɛeɛ anaa?

7 Ampa ara, Otumfoɔ Awurade nnyɛ biribi a ɔnna ne nhyehyeɛ adi nkyerɛ nʼAsomafoɔ adiyifoɔ no.

8 Gyata no abobom, hwan na ɔnnsuro? Otumfoɔ Awurade akasa, hwan na ɔrenhyɛ ho nkɔm?

9 Mompae mu nka nkyerɛ Asdod aban ne Misraim aban: “Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔ so; hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ ne so ne nhyɛsoɔ a ɛwɔ ne nkurɔfoɔ mu.”

10 “Wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ deɛ ɛyɛ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Wɔde nneɛma a wɔafo ne deɛ wɔawia sie wɔ wɔn aban mu.

11 Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ, “Ɔtamfoɔ bi bɛtwi afa asase no so; Ɔbɛbubu wʼabanbɔeɛ agu, na wafo wʼaban.”

12 Deɛ Awurade seɛ nie: “Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ gye nnyawa mmienu nnompe anaa aso sin firi gyata anom no, saa ara na wɔbɛgye Israelfoɔ nkwa, wɔn a wɔtete wɔn mpa twea so wɔ Samaria, ne wɔn a wɔdeda nkonwa pa mu wɔ Damasko.”

13 “Tie yei, na di adanseɛ tia Yakob efie,” sɛdeɛ Awurade, Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie.

14 “Ɛda a mɛtwe Israel aso wɔ ne nnebɔne ho no, mɛsɛe afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El; wɔbɛtwitwa afɔrebukyia no mmɛn na abu ahwe fam.

15 Mɛdwiri awɔberɛ efie ne ahuhuro berɛ efie agu; na afie a wɔde asonse adura ho no wɔbɛsɛe no na afie akɛseɛ no nso wɔbɛbubu agu,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan