Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Adiyisɛm 15 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Ɔyaredɔm

1 Mehunuu ade foforɔ bi a ɛso na ɛyɛ nwanwa wɔ ɔsoro. Na wɔyɛ abɔfoɔ baason a wɔkura ɔhaw nson a ɛno ne ɔhaw a ɛtwa toɔ, ɛfiri sɛ, ɛno na ɛkyerɛ Onyankopɔn abufuo a ɛtwa toɔ.

2 Afei, mehunuu biribi te sɛ ahwehwɛ ɛpo a wɔde ogya afra. Afei, mehunuu wɔn a wɔadi aboa no ne ne sɛso ohoni ne deɛ wɔde agyiraeɛ asi ne din anan mu no so nkonim. Na wɔgyinagyina ahwehwɛ ɛpo no ho a wɔkurakura asankuo a Onyankopɔn de ama wɔn no.

3 Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom ne Odwammaa no dwom sɛ, “Awurade, Otumfoɔ Onyankopɔn, wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa Amansanhene Wʼakwan tene na ɛyɛ nokorɛ.

4 Hwan na ɔnsuro wo, Awurade? Hwan na ɔrenka wo kɛseyɛ? Wo nko na woyɛ kronkron. Aman nyinaa bɛba abɛsom wɔ wʼanim, ɛfiri sɛ, obiara ahunu wo tenenee nnwuma no.”

5 Afei mehunuu sɛ asɔredan a ɛwɔ ɔsoro hɔ no Kronkron mu Kronkron no abue a adanseɛ ntomadan si mu.

6 Abɔfoɔ baason a wɔmaa wɔn tumi sɛ wɔmfa ɔhaw nson mmra no pue firii asɔredan no mu, a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa a wɔbobɔ sikakɔkɔɔ abɔsoɔ wɔ wɔn koko so.

7 Afei, ateasefoɔ baanan no mu baako maa abɔfoɔ baason no sikakɔkɔɔ nkuruwa nson a Onyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuo ahyɛ no ma.

8 Wisie a ɛfiri Onyankopɔn animuonyam ne ne tumi mu no hyɛɛ asɔredan no ma. Na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kɔsii sɛ ɔhaw nson a abɔfoɔ baason no de baeɛ no to twaeɛ.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan