Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 1 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Nnipakan

1 Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan a ɛwɔ Sinai anweatam so. Yei siiɛ wɔ mfeɛ mmienu a Israelfoɔ firii Misraim no akyi, ɔbosome a ɛtɔ so mmienu no no ɛda a ɛdi ɛkan. Ɔkaa sɛ:

2 “Gyina Israelfoɔ no mmusuakuo ne wɔn mmusua so kan wɔn nyinaa. Twerɛ ɔbarima biara din.

3 Wo ne Aaron na mobɛkan mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu no ne deɛ ɛboro saa a wɔtumi kɔ ɔsa.

4 Ɔbarima a ɔfiri abusuakuo biara mu a ɔyɛ ntuanoni na ɔbɛboa mo.

5 “Mmarima a wɔbɛboa mo no edin nie: “Ruben abusuakuo no ntuanoni yɛ Sedeur babarima Elisur;

6 Simeon abusuakuo no ntuanoni yɛ Surisadai babarima Selumiel;

7 Yuda abusuakuo no ntuanoni yɛ Aminadab babarima Nahson;

8 Isakar abusuakuo no ntuanoni yɛ Suar babarima Netanel;

9 Sebulon abusuakuo no ntuanoni yɛ Helon babarima Eliab;

10 Yosef mmammarima no: Efraim abusuakuo no ntuanoni yɛ Amihud babarima Elisama; Manase abusuakuo no ntuanoni yɛ Pedahsur babarima Gamaliel;

11 Benyamin abusuakuo ntuanoni yɛ Gideoni babarima Abidan;

12 Dan abusuakuo ntuanoni yɛ Amisadai babarima Ahieser;

13 Aser abusuakuo ntuanoni yɛ Okran babarima Pagiel;

14 Gad abusuakuo ntuanoni yɛ Deguel babarima Eliasaf;

15 Naftali abusuakuo ntuanoni yɛ Enan babarima Ahira.”

16 Yeinom ne mmarima a wɔyii wɔn firii nnipa no mu, a wɔyɛ ntuanofoɔ ma wɔn agyanom mmusua no.

17 Mose ne Aaron faa saa nnipa yi a wɔabobɔ wɔn edin yi,

18 na ɛda a ɛdi ɛkan wɔ ɔbosome a ɛtɔ so mmienu no mu no, wɔfrɛɛ ɔmanfoɔ no nyinaa. Nnipa no nam wɔn mmusuakuo ne wɔn mmusua so kyerɛɛ wɔn mmusuadua na wɔtwerɛɛ mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa no edin mmaako mmaako

19 sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Enti ɔkan wɔn wɔ Sinai ɛserɛ so.

20 Ruben a ɔyɛ Israel abakan asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔtumi kɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin mmaako mmaako sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

21 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Ruben abusuakuo mu yɛ mpem aduanan nsia ne ahanum (46,500).

22 Simeon asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin mmaako mmaako sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

23 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Simeon abusuakuo mu yɛ mpem aduonum nkron ne ahasa (59,300).

24 Gad asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

25 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Gad abusuakuo mu yɛ mpem aduanan enum ahansia ne aduonum (45,650).

26 Yuda asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

27 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Yuda abusuakuo mu yɛ mpem aduɔson ɛnan ne ahansia (74,600).

28 Isakar asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

29 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Isakar abusuakuo no yɛ mpem aduonum ɛnan ne ahanan (54,400).

30 Sebulon asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

31 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Sebulon abusuakuo no mu yɛ mpem aduonum nson ne ahanan (57,400).

32 Yosef mmammarima no: Efraim asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

33 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Efraim abusuakuo no mu yɛ mpem aduanan ne ahanum (40,500).

34 Manase asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

35 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Manase abusuakuo no mu yɛ mpem aduasa mmienu ne ahanu (32,200).

36 Benyamin asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

37 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Benyamin abusuakuo no mu yɛ mpem aduasa enum ne ahanan (35,400).

38 Dan asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

39 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Dan abusuakuo no mu yɛ mpem aduosia mmienu ne ahanson (62,700).

40 Aser asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

41 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Aser abusuakuo no mu yɛ mpem aduanan baako ne ahanum (41,500).

42 Naftali asefoɔ: Mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa a wɔbɛtumi akɔ ɔsa no, wɔtwerɛɛ wɔn edin sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

43 Nnipa dodoɔ a wɔfiri Naftali abusuakuo no mu yɛ mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan (53,400).

44 Yeinom ne mmarima a Mose ne Aaron ne Israel mmusuakuo dumienu no ntuanofoɔ kan wɔn.

45 Israelfoɔ a na wɔadi mfeɛ aduonu anaa deɛ ɛboro saa no a wɔbɛtumi adɔm Israel akodɔm no nso, wɔgyinaa wɔn mmusua so kan wɔn.

46 Na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ mpem ahansia ne mmiɛnsa ne ahanum aduonum (603,550).

47 Mmusua a wɔwɔ Lewi abusuakuo no deɛ, wɔankan wɔn anka wɔn a aka no ho.

48 Na Awurade aka akyerɛ Mose sɛ,

49 “Nkan Lewifoɔ abusuakuo no, na mfa wɔn nka Israelfoɔ a wɔaka no ho.

50 Fa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho dwumadie hyɛ Lewifoɔ no nsa. Wɔnhwɛ nneɛma a wɔde asiesie mu ne deɛ ɛkeka ho nyinaa so. Wɔn na wɔbɛsoa Ahyiaeɛ Ntomadan no ne emu nneɛma, wɔbɛhwɛ so na wɔatenatena ho.

51 Ɛberɛ biara a ɛsɛ sɛ wɔtu Ahyiaeɛ Ntomadan no, Lewifoɔ no na ɛsɛ sɛ wɔtutu, na baabiara a wɔde bɛsi no, wɔn na wɔbɛyɛ. Onipa foforɔ biara a ɔbɛbɛn ho no, wɔbɛkum no.

52 Israel abusuakuo biara bɛnya nʼatenaeɛ ne ne frankaa.

53 Lewifoɔ no bɛsisi wɔn ntomadan atwa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho ahyia, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abufuhyeɛ remma Israelfoɔ no so. Lewifoɔ no na wɔbɛhwɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no so.”

54 Israelfoɔ no yɛɛ yeinom nyinaa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan