Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Berɛsosɛm 27 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Yotam Di Ɔhene Wɔ Yuda

1 Yotam dii ɔhene no, na wadi mfirinhyia aduonu enum. Ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia dunsia. Na ne maame a ɔyɛ Sadok babaa no din de Yerusa.

2 Ɔyɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani sɛdeɛ nʼagya Usia yɛeɛ no. Yotam deɛ, wankɔ Awurade Asɔredan mu sɛdeɛ nʼagya yɛeɛ no. Nanso, ɔmanfoɔ no toaa wɔn nnebɔneyɛ so.

3 Yotam sane yɛɛ Atifi Ɛpono a ɛwɔ Awurade Asɔredan no ho, ɛnna ɔsane yɛɛ nnwuma bebree de siesiee ɔfasuo a ɛwɔ Ofel bepɔ so no.

4 Ɔkyekyeree nkuro wɔ Yuda mmepɔ asase so, sisii aban ne abantenten wɔ mmeammea a wɔadua nnua.

5 Yotam tuu Amonfoɔ so sa, dii wɔn so nkonim. Mfeɛ mmiɛnsa a ɛdi ɛkan no deɛ, ɔgyee wɔn apeatoɔ a ɛyɛ dwetɛ tɔno 3.4, ayuo susukora ɔpeduonum ne atokoɔ susukora ɔpeduonum.

6 Ɔhene Yotam nyaa tumi kɛseɛ, ɛfiri sɛ, ɔde ahwɛyie yɛɛ ɔsetie maa Awurade, ne Onyankopɔn.

7 Yotam ahennie ho nsɛm nkaeɛ a nʼakodie ne ne nneyɛeɛ ahodoɔ ka ho no, wɔatwerɛ agu Israel ahemfo ne Yuda ahemfo nwoma mu.

8 Ɔdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia dunsia.

9 Yotam wuiɛ no, wɔsiee no Dawid kurom na ne babarima Ahas, na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan