Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yona 3 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Yona Kɔ Ninewe

1 Afei, Awurade asɛm baa Yona nkyɛn ne mprenu so se,

2 “Kɔ Ninewe kuropɔn no mu, na kɔpae mu ka asɛm a mede rema wo yi.”

3 Yona yɛɛ osetie maa Awurade asɛm no, na ɔkɔɔ Ninewe. Na Ninewe yɛ kuropɔn titiriw a wɔde nnansa na etwa mu nyinaa.

4 Da a edi kan no, Yona hyɛn kuropɔn no mu, na ofii ase pae mu kae se, “Aka adaduanan na wɔadan Ninewe abutuw.”

5 Ninewefo gyee Nyankopɔn dii. Wɔhyɛɛ sɛ wɔn nyinaa bedi mmuada, efi ɔkɛse so kosi aketewa so, na wɔafurafura atweaatam.

6 Bere a Ninewehene tee asɛm no, ɔsɔre fii nʼahengua so, ɔworɔw nʼahentade, ofuraa atweaatam, na ɔtenaa mfutuma mu.

7 Afei, ɔma wɔbɔɔ dawuru wɔ Ninewe se, “Mmara a wofi ɔhene ne nʼatitiriw hɔ ni: “Obiara, sɛ ɔyɛ onipa anaa aboa, anantwikuw anaa nguankuw, mmfa hwee nka nʼano; onnnidi anaa ɔnnom.

8 Na mmom nnipa ne mmoa mfa atweaatam nkata wɔn ho. Obiara mfa anibere nsu mfrɛ Onyankopɔn. Womfi wɔn akwammɔne so, na wonnyae basabasayɛ.

9 Hena na onim? Ebia, Onyankopɔn behu yɛn mmɔbɔ, na watwe nʼabufuwhyew no a ɔnam so rebɛsɛe yɛn no asan.”

10 Na Onyankopɔn huu sɛnea wɔyɛɛ ne sɛnea wɔsan fii wɔn akwammɔne ho no, ohuu wɔn mmɔbɔ, na wansɛe wɔn sɛnea ɔkae no.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan