Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 46 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Babilonia Anyame

1 Bel bɔ ne mu ase, Nebo brɛ ne dibea ase; mfurum soa wɔn ahoni. Nsɛsode a wɔso nenam no mu yɛ duru, ɛyɛ adesoa ma nea wabrɛ.

2 Wɔbɔ mu kotow, bɔ wɔn mu ase; wontumi nsiw amanehunu ano, wɔn ankasa kɔ nkoasom mu.

3 “Muntie me, Yakobfifo, mo a moaka wɔ Israelfi nyinaa, mo a maso mo mu fi mo nyinsɛn mu, na maturu mo afi bere a wɔwoo mo.

4 Mpo kosi mo nkwakoraa bere ne bere a mubefuw dwen mu, Me ne no, Me ne nea obeso mo mu. Mabɔ mo na meturu mo; mɛwowaw mo na megye mo.

5 “Hena ho na mode me bɛto, anaa mubebu no me sɛso? Hena na mode me besusuw no, na mode no atoto me ho?

6 Ebinom hwie sikakɔkɔɔ fi wɔn nkotoku mu na wɔkari dwetɛ wɔ nsania so; wɔbɔ sika dwumfo paa, ma ɔde yɛ onyame bi, na wɔkotow sɔre no.

7 Wɔsoa no wɔ wɔn mmati so, wɔde kosi nʼafa, na ɛka hɔ ara. Ɛrentumi mfi faako a esi. Obi teɛ mu frɛ no de, nanso ommua; ɛrentumi nyi no mfi ne haw mu.

8 “Monkae yiye, momma ɛnka mo tirim, munnwen ho mo atuatewfo.

9 Monkae nneɛma a atwam no, teteete nneɛma no; Mene Onyankopɔn, na obi nni hɔ; Mene Onyankopɔn, na obiara nte sɛ me.

10 Meda awiei adi fi mfiase, efi tete, meka nea ɛbɛba. Meka se: ‘Mʼatirimpɔw begyina, na mɛyɛ nea mepɛ nyinaa.’

11 Mɛfrɛ anomaa a ɔkyere mmoa afi apuei fam; afi akyirikyiri asase so, onipa a ɔbɛhyɛ me botae ma. Nea maka no, ɛno na mɛma aba mu; nea madwen ho no, ɛno na mɛyɛ.

12 Muntie me, mo a moyɛ akokodurufo, mo a mo ne trenee ntam kwan ware;

13 Mede me trenee rebɛn, enni akyirikyiri; na me nkwagye nso renkyɛ. Mɛma Sion nkwagye, na mede mʼanuonyam ama Israel.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan