Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 20 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Nkɔmhyɛ A Etia Misraim Ne Kus

1 Afe a Asiriahene Sargon somaa ne man no sahene kɔɔ Asdod kɔtow hyɛɛ no so na odii ne so nkonim no,

2 saa bere no Awurade faa Yesaia, Amos babarima so kasae se, “Yi atweaatam no fi wo ho ne mpaboa no fi wo nan ase.” Ɔyɛɛ saa de adagyaw a nʼanan nso sisi fam dii akɔneaba.

3 Na Awurade kae se, “Sɛnea me somfo Yesaia de adagyaw anantew mfe abiɛsa a nʼanan nso sisi fam yi de, ayɛ ɔhaw nsɛnkyerɛnne a etia Misraim ne Kus no,

4 saa ara na Asiriahene bedi Misraim nneduafo ne Kus nnommum a wɔdeda adagyaw na wɔn nan sisi fam, mmabun ne mpanyin a wɔn to deda so no anim, de agu Misraim anim ase.

5 Wɔn a wɔde wɔn ho too Kus so, na wɔde Misraim hoahoaa wɔn ho no besuro na wɔn ani awu.

6 Saa da no nnipa a wɔtete mpoano ha bɛka se, ‘Monhwɛ asɛm a ato wɔn a yɛde yɛn ho too wɔn so no, wɔn a yeguan kɔɔ wɔn nkyɛn kɔpɛɛ mmoa sɛ wobegye yɛn afi Asiriahene nsam no! Yɛbɛyɛ dɛn na yɛaguan?’ ”

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan