Yesaia 18 - Akuapem Twi Nkwa AsɛmNkɔmhyɛ A Etia Kus 1 Due asase a ntaban nnyigyei wɔ so wɔ Kus nsubɔnten ho, 2 ɔsoma ananmusifo a wɔnam po so wɔde paparɔso akorow fa nsu ani. Monkɔ, asomafo ahoɔharefo, monkɔ nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ trontrom, nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa, anuɔdenfo man a yɛnte wɔn kasa, na nsubɔnten akyekyɛ nʼasase mu no nkyɛn. 3 Mo wiasefo nyinaa, mo a motete asase so, sɛ wɔma frankaa so wɔ bepɔw no so a, mubehu sɛ wɔhyɛn torobɛnto a, mobɛte. 4 Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me, “Mɛtena mʼatenae, na mahwɛ biribiara dinn. Mɛyɛ dinn te sɛ owia a ɛrebɔ, te sɛ bɔ a esi wɔ otwabere mu.” 5 Ennya nnuu twabere, a nhwiren bere atwam no na nhwiren no anyin adan bobe no, wɔde asosɔw betwitwa mman no, wobetwitwa mman a ɛredennan no akɔ. 6 Wobegyaw wɔn nyinaa ama bepɔw so nnomaa a wokum mmoa we ne wuram mmoa; nnomaa no bedi wɔn nam wɔ ahuhuru bere mu. Wuram mmoa bɛwe wɔn nam wɔ awɔw bere mu. 7 Saa bere no, wɔde akyɛde bɛbrɛ Asafo Awurade ebefi nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ trontrom hɔ, nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa, aniɔdenfo man a yɛnte wɔn kasa, na nsubɔnten akyekyɛ nʼasase mu, wɔde akyɛde bɛba Sion Bepɔw so, faako a Asafo Awurade din atim no. |
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.