Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 12 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Ayeyi Nnwom

1 Saa da no, wobɛka se: “Mɛkamfo wo, Awurade! Ɛwɔ mu wo bo fuw me de, nanso afei wʼabufuw ano adwo. Na woakyekye me werɛ.

2 Nokware, Onyankopɔn ne mʼagyenkwa; mede me ho bɛto no so, na merensuro. Awurade, Awurade ne mʼahoɔden ne me dwom; na wabɛyɛ me nkwagye.”

3 Wode anigye bɛsaw nsu afi nkwagye mmura mu.

4 Saa da no wobɛka se, “Da Awurade ase, bɔ ne din ma amanaman nhu nea wayɛ, na pae mu ka se wɔama ne din so.

5 To dwom ma Awurade, efisɛ, wayɛ nea ɛwɔ anuonyam bebree. Da eyi adi kyerɛ wiase nyinaa.

6 Momma mo nne so nto dwom anigye so mo a mowɔ Sion, efisɛ Israel Kronkronni a ɔte mo mu no yɛ ɔkɛse.”

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan