Nnwom 99 - Akuapem Twi Nkwa AsɛmDwom 99 1 Awurade di hene, momma amanaman no ho mpopo; ɔte nʼahengua so wɔ kerubim ntam, ma asase nwosow. 2 Awurade a ɔwɔ Sion yɛ ɔkɛse; wɔama no so wɔ amanaman nyinaa mu. 3 Ma wɔnkamfo wo din a ɛso na ɛyɛ nwonwa no, ɔyɛ ɔkronkron. 4 Ɔhene no yɛ ɔkɛse, ɔdɔ atɛntrenee, woama pɛpɛyɛ atim; wayɛ nea eye na ɛteɛ wɔ Yakob mu. 5 Momma Awurade, yɛn Nyankopɔn so na monsɔre no wɔ ne nan ntiaso anim; ɔyɛ ɔkronkron. 6 Na Mose ne Aaron ka nʼasɔfo no ho, na Samuel ka wɔn a wɔbɔɔ ne din no ho; wɔfrɛɛ Awurade, na ogyee wɔn so. 7 Ofi omununkum dum mu kasa kyerɛɛ wɔn; wodii mmara ne ahyɛde a ɔmaa wɔn no so. 8 Awurade, yɛn Nyankopɔn, wugyee wɔn so; woyɛɛ bɔnefakyɛ Nyankopɔn maa Israel, nanso wotwee wɔn aso wɔ wɔn nnebɔne ho. 9 Momma Awurade yɛn Nyankopɔn so na monsɔre no wɔ ne bepɔw kronkron no so, na Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ ɔkronkron. |
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.