Nnwom 98 - Akuapem Twi Nkwa AsɛmDwom 98 Dwom. 1 Monto dwom foforo mma Awurade, efisɛ wayɛ anwonwade bebree; ne nsa nifa ne ne basa kronkron no anya nkwagye ama no. 2 Awurade ama wɔahu ne nkwagye na wada ne trenee adi akyerɛ amanaman no. 3 Wakae nʼadɔe ne ne nokware a odi kyerɛɛ Israelfo no; asase ano nyinaa ahu yɛn Nyankopɔn nkwagye. 4 Asase nyinaa mommɔ ose mma Awurade, momfa nnwonto nni ahurusi; 5 Momfa sanku nto dwom mma Awurade, sanku ne nnwonto nnyigyei, 6 momfa torobɛnto ne adwennini mmɛn, nteɛ mu ahosɛpɛw so wɔ Awurade, yɛn hene no anim. 7 Momma po ne abɔde a ɛwɔ mu nyinaa nhuru so; asase ne wɔn a wɔte so nyinaa. 8 Momma nsubɔnten mmɔ wɔn nsam, mmepɔw nka mmom nto ahurusi nnwom; 9 ma wɔnto nnwom wɔ Awurade anim, efisɛ ɔreba abebu wiase atɛn. Ɔde trenee bebu wiase atɛn na ɔde pɛpɛyɛ abu nnipa atɛn. |
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.