Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 97 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 97

1 Awurade di hene, ma asase ani nnye; ma akyirikyiri mpoano ahorow no nsɛpɛw wɔn ho.

2 Omununkum ne sum kabii atwa no ho ahyia; trenee ne atɛntrenee yɛ nʼahengua no fapem.

3 Ogya di nʼanim na ɛhyew nʼatamfo wɔ afanan nyinaa.

4 Nʼanyinam hyerɛn wiase; asase hu na ne ho popo.

5 Mmepɔw nan sɛ nku wɔ Awurade anim, Awurade a asase nyinaa wɔ no no anim.

6 Ɔsoro pae mu ka ne trenee kyerɛ na aman nyinaa hu nʼanuonyam.

7 Ahonisomfo nyinaa anim agu ase, wɔn a wɔde abosomhuhuw hoahoa wɔn ho no, anyame nyinaa monsɔre no.

8 Sion te, na ne ho sɛpɛw no na Yuda nkuraa ani gye Awurade, esiane wʼatɛntrenee nti.

9 Wo, Awurade ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa; wɔama wo so pa ara wɔ anyame nyinaa mu.

10 Ma wɔn a wɔdɔ Awurade no nkyi bɔne, ɔbɔ ne nkurɔfo a wɔyɛ nokwafo no ho ban na ogye wɔn fi amumɔyɛfo nsam.

11 Hann hyerɛn wɔ atreneefo so na anigye ba wɔn a wɔn koma mu tew no so.

12 Momma mo ani nnye Awurade mu, mo a moyɛ atreneefo, na monkamfo ne din kronkron no.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan