Nnwom 93 - Akuapem Twi Nkwa AsɛmDwom 93 1 Awurade di hene, wɔde tumi ahentade ahyɛ no; wɔde tumi ahentade ahyɛ Awurade na wɔde ahoɔden ayɛ nʼakode. Wɔde wiase atim hɔ pintinn; na wɔrentumi ntutu. 2 Wʼahengua tim hɔ fi tete; na wowɔ hɔ fi mmeresanten. 3 Awurade, po ama wɔn ho so, po ama wɔn nne so; po ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ dennen no so. 4 Nea ɔwɔ tumi sen nsu akɛse mmubomu, nea ɔwɔ tumi sen po nworoso, Awurade a ɔte ɔsoro no yɛ ɔkɛse. 5 Awurade, wo nhyehyɛe gyina hɔ pintinn; kronkronyɛ hyɛ wo fi anuonyam daa nyinaa. |
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.