Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 88 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 88
Esrahini Heman ɔhaw ne amanehunu dwom.

1 Awurade, woyɛ me nkwagye Nyankopɔn misu wɔ wʼanim adekyee ne adesae.

2 Ma me mpaebɔ nnu wʼanim; brɛ wʼaso ase tie me sufrɛ.

3 Ɔhaw ahyɛ me kra ma na me nkwa rebɛn owu.

4 Wɔkan me fra wɔn a wɔrekɔ ɔda mu no; mete sɛ obi a onni ahoɔden.

5 Wɔayi me asi nkyɛn wɔ awufo mu, te sɛ atɔfo a wɔdeda ɔda mu, wɔn a wonkae wɔn bio, na wonhwɛ wɔn bio.

6 Woatow me akyene ɔda ase tɔnn, wɔ sum kabii mu.

7 Wʼabufuwhyew ayɛ duru wɔ me so; woama wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so.

8 Woafa me nnamfonom a wɔbɛn me afi me nkyɛn woama me ho ayɛ wɔn ahi. Woaka me ahyɛ mu na mintumi nguan;

9 awerɛhow ama mʼani so ayɛ kusuu. Awurade misu frɛ wo da biara; metrɛw me nsam kyerɛ wo.

10 Woyɛ anwonwade kyerɛ awufo ana? Wɔn a wɔawuwu no sɔre kamfo wo ana?

11 Wɔka wʼadɔe ho asɛm wɔ ɔda mu, anaasɛ wo nokware ho asɛm wɔ ɔsɛe kurom ana?

12 Wohu wʼanwonwade wɔ beae a hɔ aduru sum, anaa wo trenee nnwuma no wɔ awerɛfiri asase so ana?

13 Nanso Awurade, misu frɛ wo sɛ boa me; me mpaebɔ du wʼanim adekyee mu.

14 Adɛn, Awurade, na wopo me na wode wʼanim hintaw me?

15 Mahu amane fi me mmofraase na mabɛn owu; wʼahunahuna ama mabrɛ na mapa abaw.

16 Wʼabufuwhyew abu afa me so; wʼahunahuna asɛe me.

17 Daa nyinaa wotwa me ho hyia sɛ nsuyiri, na wɔabu afa me so koraa.

18 Woafa me yɔnkonom ne mʼadɔfo afi me nkyɛn kɔ; na sum ayɛ mʼadamfo a ɔbɛn me pɛɛ.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan