Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 83 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 83
Asaf Dwom.

1 Ao, Onyankopɔn, ntena hɔ komm; mmua wʼano, Ao, Onyankopɔn, keka wo ho.

2 Hwɛ sɛnea wʼatamfo keka wɔn ho fa, na wɔn a wɔmpɛ wʼasɛm nso ama wɔn ti so.

3 Wɔde anifere repam atia wo nkurɔfo, wɔrepam atia wɔn a wo koma da wɔn so no.

4 Wɔka se, “Mommra na yɛnsɛe wɔn sɛ ɔman, sɛnea wɔrenkae Israel din bio.”

5 Wɔde adwene koro bɔ pɔw; na wɔpam tia wo,

6 Edom ntamadan ne Ismaelfo, Moabfo ne Hagarfo,

7 Gebalfo ne Amonfo ne Amalekfo, Filistifo ne Tirofo.

8 Asiria mpo akɔka wɔn ho de wɔn ahoɔden akɔhyɛ Lot asefo de no mu den.

9 Yɛ wɔn sɛnea woyɛɛ Midian, sɛnea woyɛɛ Sisera ne Yabin wɔ asubɔnten Kison ho no,

10 wɔn a wɔsɛe wɔ En-Dor na wɔdan nwura no.

11 Yɛ wɔn atitiriw sɛ Oreb ne Seeb, ne wɔn mmapɔmma nyinaa sɛ Seba ne Salmuna,

12 a wɔkae se, “Momma yɛmfa Onyankopɔn adidibea nsase no no.”

13 Me Nyankopɔn, yɛ wɔn sɛ mfɛtɛ mu mfutuma, sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu.

14 Sɛnea ogya hyew kwae, na ogyatannaa so nkoko mu hyew no no,

15 saa ara na fa wʼahum taa wɔn na fa wo mframa a ano yɛ den no hunahuna wɔn.

16 Ma animguase nka wɔn, na ama nnipa ahwehwɛ wo din akyi kwan, Awurade.

17 Ma wɔn anim ngu ase na wonni yaw; ma wonwuwu wɔ animguase mu.

18 Ma wonhu sɛ wo a wo din de Awurade no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni wɔ asase nyinaa so. Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no wɔ gittit sanku nne so.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan