Nnwom 82 - Akuapem Twi Nkwa AsɛmDwom 82 Asaf dwom. 1 Onyankopɔn di hene wɔ ɔsoro asafo mu; obu atɛn wɔ “anyame” mu. 2 “Wobɛbɔ wɔn a wɔnteɛ ho ban na woayɛ nhwɛanim ama amumɔyɛfo akosi da bɛn? 3 Monka mmɔborɔfo ne ayisaa asɛm mma wɔn; mommɔ ahiafo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiyedi ho ban. 4 Munnye ɔbrɛfo ne ahiafo; munnye wɔn mfi amumɔyɛfo nsam. 5 “Anyame no nnim de, na wɔnte hwee ase. Wokyinkyin wɔ sum mu; na asase fapem nyinaa wosow. 6 “Mekae se, ‘Moyɛ “anyame;” mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.’ 7 Nanso mubewuwu sɛ nnipa pɛ; na moahwe ase sɛ ɔsodifo biara.” 8 Ao Onyankopɔn, sɔre, bu wiase atɛn; efisɛ amanaman nyinaa yɛ wo de. |
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.