Nnwom 81 - Akuapem Twi Nkwa AsɛmDwom 81 Asaf dwom. 1 Monto ahurusi dwom mma Onyankopɔn yɛn ahoɔden; mommɔ ose mma Yakob Nyankopɔn no! 2 Momma nnwom no so na monwosow akasaa. Mommɔ sanku ne bɛnta dɛdɛ no. 3 Monhyɛn mmentia ɔsram foforo da no, ne ne kurokumatwa mu, yɛn Aponto da no; 4 Eyi yɛ Israelfo ahyɛde, Yakob Nyankopɔn mmara. 5 Otintimii sɛ nhyehyɛe maa Yosef bere a ɔsɔre tiaa Misraim no, faako a yɛtee kasa a yɛnte ase no. 6 Ɔka se, “Miyii adesoa no fii wɔn mmati so, ne wɔn nsa fii kɛntɛn ho. 7 Mo ahohiahia mu mofrɛɛ me na migyee mo, migyee mo so wɔ aprannaa mu; mesɔɔ mo hwɛɛ wɔ Meriba nsu ho. 8 “Me nkurɔfo, muntie me kɔkɔbɔ yi, Israel, sɛ mubetie me a! 9 Ɛnsɛ sɛ munya anyame foforo bi wɔ mo mu; ɛnsɛ sɛ mokotow ananafo anyame. 10 Mene Awurade, mo Nyankopɔn a miyii mo fii Misraim asase so no. Mummue mo anom tɛtrɛɛ na mɛhyɛ mu ma. 11 “Nanso me nkurɔfo rentie me; Israel remmrɛ ne ho ase mma me. 12 Enti migyaa wɔn maa wɔn komaden sɛ wɔnyɛ nea wɔpɛ biara. 13 “Sɛ me nkurɔfo tie me, na Israel nantew mʼakwan so a, 14 anka medi wɔn atamfo so ama wɔn ntɛm na mama me basa so atia wɔn a wokyi wɔn! 15 Wɔn a wɔtan Awurade no de osuro bɛkotow no, na wɔn asotwe to rentwa da. 16 Nanso wɔde atoko mu atoko papa bɛma mo adi; mede ɔbotan mu wo bɛma mo amee.” |
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.