Nnwom 80 - Akuapem Twi Nkwa AsɛmDwom 80 Asaf dwom. 1 Israel guanhwɛfo, tie yɛn, wo a wudii Yosef anim sɛnea wodi nguankuw anim; wo a wote ahengua so wɔ kerubim ntam no, hyerɛn 2 wɔ Efraim, Benyamin ne Manase anim. Kanyan wo tumi; bra begye yɛn nkwa. 3 Ao Onyankopɔn, gye yɛn bio; ma wʼanim nhyerɛn yɛn so, na wɔagye yɛn nkwa. 4 Asafo Awurade Nyankopɔn, wʼabufuw bɛdɛw akosi da bɛn, wʼabufuw a etia wo nkurɔfo mpaebɔ no? 5 Wode nusu yɛɛ aduan maa wɔn dii; wode nusu kuruwama maa wɔn nomee. 6 Wode yɛn ayɛ nea yɛn mfɛfo ko ho, na yɛn atamfo serew yɛn. 7 Asafo Nyankopɔn, gye yɛn bio; ma wʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so, na wɔagye yɛn nkwa. 8 Wutuu bobe fi Misraim beduae; wopam amanaman no na wuduae. 9 Wosiesiee asase no baabi maa no, egyee ntin na ɛtrɛw asase no so. 10 Ne nwini kataa mmepɔw no so ne mman kataa sida akɛse no so. 11 Ɛdennan trɛw kɔɔ Po no so, na ɛfefɛw trɛw koduu Asubɔnten no ho. 12 Adɛn nti na woabubu nʼafasu ama wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no tetew ne bobe aba no? 13 Kɔkɔte fi wuram bɛsɛe no pasaa na mmoadoma a wɔwɔ sare so de yɛ wɔn aduan. 14 Asafo Nyankopɔn, san bra yɛn nkyɛn! fi ɔsoro hɔ hwɛ na wubehu! Hwɛ saa bobe yi so, 15 ntin a wo nsa nifa adua no, ɔbabarima a woatetew no ama wo ho no. 16 Wɔatwa wo bobe no ato fam, ato mu gya ama ahyew; wʼanimka ma wo nkurɔfo ase tɔre. 17 Fa wo nsa kata ɔbarima a ɔwɔ wo nifa no so, onipa ba a woatetew no ama wo ho no. 18 Afei yɛrentwe yɛn ho mfi wo nkyɛn; kanyan yɛn, na yɛbɛbɔ wo din. 19 Asafo Awurade Nyankopɔn, gye yɛn bio, na ma wʼanim nhyerɛn yɛn so, na wɔagye yɛn nkwa. Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto sɛ “gittit” sanku nne so. |
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.