Nnwom 8 - Akuapem Twi Nkwa AsɛmDwom 8 Dawid dwom. 1 Awurade, yɛn Awurade, wo din kɛseyɛ ada adi wiase mmaa nyinaa. Wode wʼanuonyam atimtim ɔsoro nohɔ, 2 mmofra ne nkokoaa mpo de wɔn ano kamfo wo, wʼatamfo nti; na wode bɔ atamfo ne aweretɔfo ano. 3 Sɛ mehwɛ wo ɔsorosoro, wo nsateaa ano adwuma; ɔsram ne nsoromma a wode obiara asi nʼafa a, 4 onipa ne hena a wokae no, na onipa ba nso ne hena a wʼani ku ne ho? 5 Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sen abɔfo na wode wʼanuonyam ne nidi abɔ no abotiri. 6 Woyɛɛ no ɔsodifo maa wo nsa ano nnwuma wode nneɛma nyinaa ahyɛ nʼanan ase: 7 nguankuw ne anantwikuw nyinaa ne wuram mmoa nso, 8 wim nnomaa ne po mu mpataa, nea ɛnenam po mu akwan so nyinaa. 9 Awurade, yɛn Awurade, wo din yɛ kɛse wɔ asase nyinaa so! Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Ɔba no wu”. |
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.