Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 76 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 76
Asaf dwom.

1 Onyankopɔn din ahyeta wɔ Yuda; ne din so wɔ Israel.

2 Ne ntamadan si Salem, ne tenabea wɔ Sion.

3 Ɛhɔ na obubuu mmemma a ɛpa gya, nkatabo ne afoa, akode nyinaa mu.

4 Wo ho hann no hyerɛn, na woso sen mmepɔw a mmoadoma ahyɛ mu ma no.

5 Mmarima akokodurufo deda hɔ a wɔagye wɔn ho nneɛma, wɔadeda awufo nna; na akofo no mu baako mpo ntumi mma ne nsa so.

6 Yakob Nyankopɔn, wokaa wɔn anim no apɔnkɔ no ne nteaseɛnam no adeda dinn.

7 Wo nko ara na ɛsɛ sɛ wosuro wo. Sɛ wo bo fuw a hena na obetumi agyina wʼanim?

8 Wubuu atɛn fii ɔsoro, asase suroe, na ɛyɛɛ komm,

9 bere a wo, Onyankopɔn, sɔre buu atɛn, de gyee amanehunufo wɔ asase no so no.

10 Ampa ara wʼabufuwhyew a etia nnipa no de ayeyi brɛ wo, na wɔn a wotumi gyina ano no nya kɔkɔbɔ.

11 Monhyɛ Awurade mo Nyankopɔn no bɔ na munni so; momma nsase a atwa ne ho ahyia mfa ayɛyɛde mmrɛ Ɔbaako a ɛsɛ sɛ wosuro no no.

12 Ɔbrɛ sodifonom honhom ase; na asase so ahemfo suro no. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde ma Yedutun.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan