Nnwom 70 - Akuapem Twi Nkwa AsɛmDwom 70 Dawid adesrɛ dwom. 1 Ao, Onyankopɔn, yɛ ntɛm gye me nkwa; Awurade bra ntɛm bɛboa me. 2 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra no anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wɔhwehwɛ me sɛe no nyinaa mfa animguase nsan wɔn akyi. 3 Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no nsan wɔn akyi, esiane wɔn aniwu nti. 4 Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa nsɛpɛw wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu; ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka da biara se, “Onyankopɔn yɛ ɔkɛse!” 5 Me de meyɛ ohiani a minni ɔboafo; Ao, Onyankopɔn, bra me nkyɛn ntɛm. Wo ne me boafo ne me gyefo; Awurade, ntwentwɛn wʼanan ase. |
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.