Nnwom 67 - Akuapem Twi Nkwa AsɛmDwom 67 Dwom. 1 Onyankopɔn nnom yɛn na onhyira yɛn ɔmma nʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so, 2 na ɔmma wonhu nʼakwan wɔ asase so, ne ne nkwagye wɔ amanaman no nyinaa mu. 3 Ma adesamma nyi wo ayɛ, Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo. 4 Ma amanaman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛw dwom, efisɛ wudi nnipa no so trenee mu na woma asase so amanaman no akwankyerɛ. 5 Ma adesamma nyi wo ayɛ, Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo! 6 Afei asase no bɛbɔ ne nnɔbae, na Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn ahyira yɛn. 7 Onyankopɔn behyira yɛn, na asase mmaa nyinaa besuro no. Wɔde ma dwonkyerɛfo. |
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.