Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 64 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 64
Dawid dwom.

1 Me Nyankopɔn, tie me, bere a mereka me haw; bɔ me kra ho ban fi ɔtamfo ahunahuna ho.

2 Fa me sie fi amumɔyɛfo agyinatu ho, ne nnebɔneyɛfo pɔwbɔ ho.

3 Wɔsew wɔn tɛkrɛma sɛ afoa na wɔde atirimɔden nsɛm sɔn sɛ mmɛmma werɛmfo.

4 Wofi ahintawee mu, tow bɔ onipa a ne ho nni asɛm; wɔtow bɔ no mpofirim a wonsuro.

5 Wɔhyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran wɔ wɔn amumɔyɛ nhyehyɛe ho, wɔka sɛnea wobesum wɔn mfiri asie; wɔka se, “Hena na obehu yɛn?”

6 Wɔbɔ ntɛnkyew ho pɔw na wɔka se, “Yɛayɛ nhyehyɛe a ɛso nni koraa!” Ampa ara onipa koma ne nʼadwene yɛ anifere.

7 Nanso Onyankopɔn bɛto bɛmma abɔ wɔn; na wɔbɛhwe fam prɛko pɛ.

8 Ɔbɛdan wɔn ankasa tɛkrɛma atia wɔn na ɔde wɔn aba ɔsɛe mu; na wɔn a wobehu wɔn nyinaa de animka bɛbɔ wɔn ti nko.

9 Adesamma nyinaa besuro; wɔbɛpae mu aka Onyankopɔn nnwuma na wɔasusuw nea wayɛ ho.

10 Ma atreneefo nni ahurusi wɔ Awurade mu na wɔmpɛ guankɔbea wɔ no mu; ma wɔn a wɔn koma mu tew nyinaa nyi no ayɛ! Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan