Nnwom 61 - Akuapem Twi Nkwa AsɛmDwom 61 Dawid dwom. 1 Ao, Onyankopɔn, tie me sufrɛ; tie me mpaebɔ. 2 Mifi asase ano frɛ wo, mefrɛ wo, efisɛ me koma atɔ beraw; fa me kɔ ɔbotan a ɛware sen me no so. 3 Woayɛ me guankɔbea, aban a ɛyɛ den ma ɔtamfo no. 4 Me kɔn dɔ sɛ metena wo ntamadan no mu afebɔɔ na manya guankɔbea wɔ wo ntaban nwini ase. 5 Woate me bɔ a mehyɛe no, Onyankopɔn; na wode wɔn a wosuro wo din no agyapade ama me. 6 To ɔhene nkwanna mu bebree; na ne mfe mfi awo ntoatoaso nkodu awo ntoatoaso. 7 Ma onni hene wɔ Onyankopɔn anim daa fa wʼadɔe ne wo nokware bɔ ne ho ban. 8 Afei mɛto ayeyi dwom ama wo din daa na madi me bɔhyɛ so daa nyinaa. Wɔde ma dwonkyerɛfo. De ma Yedutun. |
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.