Nnwom 6 - Akuapem Twi Nkwa AsɛmDwom 6 Dawid dwom. 1 Awurade nka mʼanim wɔ wʼabufuw mu, na ntwe mʼaso nso wɔ wʼabufuwhyew mu. 2 Hu me mmɔbɔ, Awurade, efisɛ meyɛ mmrɛw; Awurade sa me yare na me nnompe wɔ ahoyeraw mu. 3 Me kra wɔ ahohia mu. Enkosi da bɛn, Ao Awurade, enkosi da bɛn? 4 San bra, Awurade, na begye me nkwa; gye me, wo dɔ a enni nhuammɔ no nti. 5 Obi a wawu no renkae wo da, hena na ofi ɔda mu kamfo wo? 6 Apinisi ama mayɛ mmerɛw. Anadwo mu nyinaa mede agyaadwotwa fɔw me mpa, na me nusu fɔw me sumii. 7 Awerɛhow ama mʼani so ayɛ me kusuu. Ɛredum; mʼatamfo nyinaa nti. 8 Mo nnebɔneyɛfo, montwe mo ho mfi me ho! efisɛ Awurade ate me sufrɛ. 9 Awurade ate me mmɔborɔsu; Awurade tie me sufrɛ. 10 Mʼatamfo nyinaa anim begu ase na wɔn ho adwiriw wɔn; na wɔapatuw de fɛre asan wɔn akyi. |
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.