Nnwom 57 - Akuapem Twi Nkwa AsɛmDwom 57 Dawid dwom a ɔtoo bere a oguan fii Saulo nkyɛn kɔɔ ɔbodan no mu. 1 Hu me mmɔbɔ, me Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na wo mu na me kra nya guankɔbea. Wo ntaban nwini ase na mɛpɛ guankɔbea kosi sɛ amanehunu no betwa mu. 2 Misu frɛ Onyankopɔn, Ɔsorosoroni no; Onyankopɔn a ɔma ne pɛ ba mu wɔ me ho. 3 Ɔsoma fi ɔsoro hɔ begye me nkwa, ɔka wɔn a wɔtaa me anibere so no anim; Onyankopɔn soma ne dɔ ne ne nokware. 4 Gyata atwa me ho ahyia; meda mmoa a wɔwe nam amono mu, nnipa a wɔn se te sɛ mpeaw ne mmɛmma na wɔn tɛkrɛma te sɛ afoa a ɛyɛ nnam. 5 Onyankopɔn, ɛsɛ sɛ wɔma wo so tra ɔsoro, na ama wʼanuonyam aba asase nyinaa so. 6 Wɔtrɛw asau mu de sum mʼanan afiri, ahohiahia brɛɛ me ase. Wotuu amoa wɔ me kwan mu, nanso wɔn ankasa akɔtotɔ mu. 7 Ao, Onyankopɔn, me koma agyina pintinn, me koma yɛ pintinn; mɛto dwom na mayi wo ayɛ. 8 Me kra nyan! Sanku ne bɛnta, munnyan! Me nso menyan anɔpahema. 9 Awurade, mɛkamfo wo wɔ aman no mu; mɛto wo ho nnwom wɔ nnipa mu. 10 Wʼadɔe so, ɛkorɔn sen ɔsoro; wo nokwaredi du wim. 11 Ao, Onyankopɔn, wɔmma wo so mmoro ɔsoro; ma wʼanuonyam nkata asase nyinaa so. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Mma Wɔnnsɛe No” sanku nne so. |
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.