Nnwom 54 - Akuapem Twi Nkwa AsɛmDwom 54 Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo no bere a Sififo kɔka kyerɛɛ Saulo se, “Dawid abehintaw wɔ yɛn mu.” 1 Ao, Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu; fa wo tumi bu me bem. 2 Ao, Onyankopɔn, tie me mpaebɔ; tie mʼanom nsɛm. 3 Ahɔho retow ahyɛ me so. Atirimɔdenfo rehwehwɛ me akum me; nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee. 4 Ampa ara, Onyankopɔn ne me boafo; Awurade ne me hwɛfo. 5 Ma mmusu nkyim mmra wɔn a wodi me ho nseku no so; wo nokwaredi mu, sɛe wɔn. 6 Mefi me pɛ mu abɔ afɔre ama wo; Awurade, meyi wo din ayɛ, efisɛ eye. 7 Woagye me afi me haw nyinaa mu, na mʼani ahu nkonimdi wɔ mʼatamfo so. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto. |
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.