Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 52 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 52
Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo bere a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo se, “Dawid akɔ Ahimelek fi” no.

1 Ɔkɛse, adɛn nti na wohoahoa wo ho wɔ wo bɔne ho? Adɛn nti na wohoahoa wo ho da mu nyinaa, wo a woyɛ animguasede wɔ Onyankopɔn ani so?

2 Wo tɛkrɛma bɔ ɔsɛe ho pɔw; ɛte sɛ oyiwan a ano yɛ nam yiye. Wo a wutwa nkontompo nko ara.

3 Wʼani gye bɔne ho sen papa, wopɛ atoro sen sɛ wobɛka nokware.

4 Wodɔ asɛm biara a ɛde ɔhaw ba, wo tɛkrɛma daadaafo!

5 Ampa ara Onyankopɔn de ɔsɛe a enni awiei bɛbrɛ wo; ɔbɛtwe wo afi wo ntamadan mu na watetew wo mu; Ɔbɛtɔre wʼase wɔ ateasefo asase so.

6 Atreneefo behu eyi na wɔasuro; wɔbɛserew no na wɔaka se,

7 “Hwɛ, onipa no ni, nea wamfa Onyankopɔn anyɛ nʼabandennen na mmom ɔde ne ho too nʼahonya dodow so, na onyaa ahoɔden de sɛee afoforo no!”

8 Nanso mete sɛ ngodua a ɛrenyin wɔ Onyankopɔn fi: mede me ho to Onyankopɔn dɔ a ɛnsa da no so daa nyinaa.

9 Meyi wo ayɛ daa wɔ nea woayɛ nti; wo din so na mʼani bɛda, efisɛ eye. Meyi wo ayɛ wɔ wʼahotefo anim. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde “mahalat” sanku nne na ɛto.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan