Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 5 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 5
Dawid dwom.

1 Awurade, yɛ aso ma me nsɛm na dwen mʼapinisi ho.

2 Tie me mmoa ho sufrɛ, me Hene ne me Nyankopɔn, efisɛ wo na mebɔ wo mpae.

3 Awurade, wote me nne anɔpa; anɔpa, mede mʼadesrɛ ba wʼanim na mede anidaso twɛn.

4 Wonyɛ Onyankopɔn a wʼani gye bɔne ho; na amumɔyɛfo rentumi ne wo ntena.

5 Ahantanfo rentumi nnyina wʼanim; wukyi wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa.

6 Wosɛe wɔn a wɔka atosɛm; Awurade kyi mogyapɛfo ne asisifo.

7 Nanso me, wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, mɛba wo fi; na nidi mu na mɛkotow akyerɛ wʼasɔredan kronkron no.

8 Awurade kyerɛ me kwan wɔ wo trenee mu mʼatamfo nti, bɔ wo kwan tee wɔ mʼanim.

9 Wɔn anom asɛm baako mpo nyɛ nokware; ɔsɛe ahyɛ wɔn koma ma. Wɔn menewa yɛ ɔda a so abue wɔde wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.

10 Onyankopɔn, bu wɔn fɔ! Ma wɔn pɔw bɔne nyɛ wɔn asehwe. Pam wɔn; esiane wɔn bɔne dodow no nti, efisɛ wɔasɔre atia wo.

11 Nanso ma wɔn a woguan ba wo nkyɛn no ani nnye; ma wɔmfa anigye nto dwom daa. Trɛw wo bammɔ mu wɔ wɔn so, na wɔn a wɔdɔ wo din no ma wɔn ani nnye wɔ wo mu.

12 Awurade, ampa ara, wuhyira atreneefo; na wode wʼayamye twa wɔn ho hyia sɛ nkatabo. Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ ɔmfa sankuhama nto wɔ Seminit nne so.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan