Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 49 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 49
Koramma dwom.

1 Muntie, mo saa nnipa yi nyinaa; monyɛ aso, mo a mowɔ wiase yi mu nyinaa,

2 nea ɔyɛ abomfiaa ne nea odi mu, adefo ne ahiafo nyinaa.

3 Mʼano bɛka anyansasɛm; nsɛm a efi me koma mu bɛma nhumu.

4 Mɛbrɛ mʼaso ase atie mmebusɛm; na sanku na mede bɛkyerɛ mʼabisae ase.

5 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ misuro, bere a nna bɔne aba, bere a amumɔyɛfo nnaadaafo atwa me ho ahyia,

6 wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ahonya so na wɔde wɔn ade dodow hoahoa wɔn ho?

7 Onipa biara rentumi nnye ne yɔnko nkwa na ɔrentumi mfa mpata biara mma Onyankopɔn,

8 nkwa ho mpata bo yɛ den, akatua biara renso,

9 sɛ ɛbɛma no atena ase afebɔɔ a ɔrenhu porɔwee.

10 Obiara nim pefee sɛ anyansafo wu; saa ara na nkwaseafo ne agyimifo nso wu, na wogyaw wɔn ahonya hɔ ma afoforo.

11 Wɔn nna bɛyɛ wɔn afi afebɔɔ, wɔn atenae wɔ awo ntoatoaso bere a enni awiei mu, ɛmfa ho sɛ wɔde wɔn din atoto nsase so.

12 Na onipa ahonya nyinaa akyi no, ɔrentena hɔ daa; ɔte sɛ mmoa a wowu no ara.

13 Eyi ne nea ɛda hɔ ma wɔn a wogye wɔn ho di, ne wɔn akyidifo a wɔfoa wɔn nsɛm so.

14 Wɔte sɛ nguan, na wɔbɛkɔ ɔda mu, na owu de wɔn bɛyɛ nʼaduan. Atreneefo bedi wɔn so anɔpa; wɔn nipadua bɛporɔw wɔ ɔda mu, na wɔne wɔn adan akɛse no ntam akwan bɛware.

15 Nanso Onyankopɔn begye me afi ɔda mu; ampa ara, ɔde me bɛkɔ ne nkyɛn.

16 Sɛ onipa nya ne ho a, mma ɛnnhaw wo; na sɛ ne fi anigye yɛ bebree a, mma ɛnnhaw wo;

17 efisɛ, sɛ owu a ɔremmfa hwee nkɔ, nʼanuonyam ne no renkɔ amoa mu.

18 Mpo ɔte ase no, ɔfaa no sɛ wɔahyira no, efisɛ wɔkamfo nnipa bere a wodi yiye,

19 nanso ɔbɛkɔ akɔka nʼagyanom ho, wɔn a wɔrenhu nkwa hann ara da no.

20 Onipa a ɔwɔ ahonya na onni nhumu no te sɛ mmoa a wowu.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan