Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 47 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 47
Koramma dwom.

1 Amanaman nyinaa, mommɔ mo nsam; momfa anigye nteɛ mu mfrɛ Onyankopɔn.

2 Awurade Ɔsorosoroni no ho yɛ nwonwa, Ɔyɛ Ɔhene kɛse wɔ asase nyinaa so!

3 Ɔde amanaman hyɛɛ yɛn ase, na ɔde nnipa hyɛɛ yɛn anan ase.

4 Oyii yɛn agyapade maa yɛn, nea ɛyɛ Yakob a ɔdɔ no no ahohoahoade.

5 Onyankopɔn aforo kɔ soro wɔ anigye nteɛteɛmu mu, Awurade wɔ torobɛnto nnyigyei mu.

6 To ayeyi nnwom ma Onyankopɔn, to ayeyi nnwom; to ayeyi nnwom ma yɛn Hene, to ayeyi nnwom.

7 Efisɛ Onyankopɔn yɛ asase nyinaa so Hene. Monto ahurusi nnwom mma no.

8 Onyankopɔn di hene wɔ amanaman no so; Onyankopɔn te nʼahengua kronkron so.

9 Amanaman no mu akunini boaboa wɔn ho ano sɛ Abraham Nyankopɔn nkurɔfo, efisɛ asase so ahemfo yɛ Onyankopɔn de; na wɔma no so kɛse.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan