Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 45 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 45
Koramma dwom. Ayeforohyia dwom.

1 Botae bi a edi mu akanyan me koma bere a merebɔ ɔhene mmran no; me tɛkrɛma yɛ ɔkyerɛwfo kunini bi kyerɛwdua.

2 Wudi mu koraa wɔ mmarima mu na wɔde adom bi asra wʼano, esiane sɛ Onyankopɔn ahyira wo afebɔɔ no nti.

3 Fa wʼafoa bɔ wo nkyɛn mu, okokuroko; fa anuonyam ne kɛseyɛ fura.

4 Fa wo kɛseyɛ mu kɔ wʼanim nkonimdi so wɔ nokware, ahobrɛase ne trenee mu; ma wo nsa nifa nna wo nnwuma a ɛyɛ nwonwa no adi.

5 Ma wo bɛmma nnamnam no nhwirew ɔhene atamfo koma mu; na ma amanaman nhwe wʼanan ase.

6 Ao Onyankopɔn, wʼahengua no bɛtena hɔ daa daa; trenee ahempema bɛyɛ wʼahenni no ahempema.

7 Wodɔ trenee na wukyi bɔne. Ɛno nti Onyankopɔn, wo Nyankopɔn de wo asi wo mfɛfo so, na ɔde anigye ngo asra wo.

8 Kurobow, pɛprɛ ne bɛwewonua hua agye wo batakari mu nyinaa; sanku so nnwom a efi ahemfi a wɔde asonse asiesie ho mu ma wʼani gye.

9 Ahemfo mmabea ka wo mmea atitiriw ho; wo nsa nifa so na ayeforo dehye a ɔhyɛ Ofir sikakɔkɔɔ gyina.

10 Ɔbabea tie, dwene ho, na yɛ osetie; ma wo werɛ mfi wo nkurɔfo ne wo papa fi.

11 Wʼahoɔfɛ asɔ ɔhene no ani; di no ni, efisɛ ɔno ne wo wura.

12 Tiro Babea de ayɛyɛde bɛba; mmarima adefo bɛdɛfɛdɛfɛ wo.

13 Ɔhene babea a ɔwɔ ne pia mu no yɛ onuonyamfo wɔde sikakɔkɔɔ abobɔ nʼatade yuu mu.

14 Ɔhyɛ ntade a wɔadi mu adwinni na wɔde no kɔma ɔhene; ne mfɛfo mmabun di nʼakyi na wɔde wɔn nyinaa brɛ wo.

15 Wɔde ahosɛpɛw ne anigye kɔ mu; wɔhyɛn ɔhempɔn no ahemfi.

16 Wo mmabarima besi wʼagyanom anan mu wobɛyɛ wɔn mmapɔmma wɔ asase no so nyinaa.

17 Mɛma wɔakae wo wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu; ɛno nti amanaman bɛkamfo wo daa nyinaa. Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan