Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 40 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 40
Dawid dwom.

1 Mede boasetɔ twɛn Awurade; na ɔhwɛɛ me, na ɔtee me sufrɛ.

2 Oyii me fii amoa a mu yɛ toro mu, fii dɔte ne dontori mu; ɔde mʼanan sii ɔbotan so na ɔmaa me baabi pa gyinae.

3 Ɔde dwom foforo hyɛɛ mʼanom, ayeyi dwom a yɛde ma yɛn Nyankopɔn. Bebree behu na wɔasuro, na wɔde wɔn werɛ ahyɛ Awurade mu.

4 Nhyira ne onipa a ɔde Awurade yɛ nʼahotoso, nea ɔmfa nʼani nto ahomaso so, ne wɔn a wɔman di anyame huhuw akyi.

5 Awurade me Nyankopɔn woayɛ anwonwade bebree. Nneɛma a wohyehyɛ maa yɛn no obiara ntumi nka ne nyinaa nkyerɛ wo; sɛ meka se mereka ne nyinaa ho asɛm a ɛbɛdɔɔso dodo.

6 Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛde, nanso woabue mʼaso; woampɛ ɔhyew afɔre ne bɔne afɔre.

7 Na mekae se, “Mini, maba, sɛnea wɔakyerɛw afa me ho wɔ nhoma mmobɔwee no mu no.

8 Me Nyankopɔn, mepɛ sɛ meyɛ wʼapɛde; wo mmara wɔ me koma mu.”

9 Meka wo trenee ho asɛm wɔ guabɔ kɛse ase; mimmua mʼano, Awurade, sɛnea wunim no.

10 Memmfa wo trenee ho asɛm nsie me koma mu; meka wo nokware ne wo nkwagye ho asɛm. Mankata wʼadɔe ne wo nokware so wɔ guabɔ kɛse no ase.

11 Awurade, nyi wʼahummɔbɔ mfi me so; ma wʼadɔe ne wo nokware mmɔ me ho ban daa.

12 Ɔhaw bebree atwa me ho ahyia; mʼamumɔyɛ abu afa me so enti minhu ade bio. Ɛdɔɔso sen me ti so nwi, na me koma abotow wɔ me mu.

13 Awurade, ma ɛnsɔ wʼani sɛ wubegye me; Awurade, bra ntɛm bɛboa me.

14 Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no nyinaa, ma wɔn anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wɔpɛ sɛ mesɛe no mfa aniwu nsan wɔn akyi.

15 Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no nsan wɔn akyi, esiane wɔn aniwu nti.

16 Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa nsɛpɛw wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu; ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka da biara se, “Awurade yɛ ɔkɛse!”

17 Nanso meyɛ ohiani ne mmɔborɔni; ma Awurade nnwen me ho. Wo ne me boafo ne me gyefo; wo ne me Nyankopɔn, bra ntɛm. Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan