Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 4 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 4
Dawid dwom.

1 Sɛ misu frɛ wo a, gye me so, me trenee Nyankopɔn. Ma me ɔhome wɔ mʼahohia mu; hu me mmɔbɔ na tie me mpaebɔ.

2 Enkosi da bɛn na mobɛdan mʼanuonyam ahohora? Enkosi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni ahuhuw akyi?

3 Hu sɛ Awurade ayi nea ɔwɔ nyamesu ama ne ho; Awurade betie, sɛ misu mefrɛ no a.

4 Sɛ mo bo fuw a, monnyɛ bɔne; sɛ modeda mo mpa so a, monyɛ komm na monhwehwɛ mo koma mu.

5 Mommɔ afɔre a ɛfata na momfa mo werɛ nhyɛ Awurade mu.

6 Nnipa bebree bisa se: “Hena na ɔde yiyeyɛ bɛbrɛ yɛn?” Awurade, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so.

7 Fa anigye mmoroso hyɛ me koma ma bere a wɔn aburow ne nsa foforo abu so no.

8 Mɛtɔ hɔ, na mada asomdwoe mu, efisɛ wo nko ara, Awurade, na woma metena dwoodwoo. Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔmfa atɛntɛbɛn nto.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan