Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 38 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 38
Dawid dwom. Adesrɛ.

1 Awurade, nka mʼanim wɔ wʼabufuw mu na ntwe mʼaso wɔ wʼabufuwhyew mu.

2 Wo bɛmma hwirew me mu, na wo nsa adwerɛw me.

3 Wʼabufuwhyew no nti ahoɔden biara nni me mu; me bɔne nti, me nnompe ahodwow.

4 Mʼafɔdi amene me te sɛ adesoa a mu yɛ duru dodo.

5 Mʼakuru bɔn na aporɔw esiane me bɔne mu agyimisɛm nti.

6 Makotow na wɔabrɛ me ase; da mu nyinaa menantenantew twa agyaadwo.

7 Mʼakyi dompe mu yaw boro so: ahoɔden biara nni me nipadua mu.

8 Mabrɛ na mapɛtɛw koraa. Me koma mu yaw ma misi apini.

9 Awurade, nea merehwɛ anim nyinaa da wʼanim; mʼapinisi nhintaw wo.

10 Me koma bɔ kitirikitiri, na mʼahoɔden asa mpo mʼaniwa aduru sum.

11 Mʼapirakuru nti me nnamfonom ne me yɔnkonom mmɛn me; mʼafipamfo twe wɔn ho fi me ho.

12 Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no sum me mfiri, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhaw me no di me sɛe ho nkɔmmɔ da mu nyinaa wodwen nnaadaasɛm ho.

13 Mete sɛ ɔsotifo a ɔnte asɛm, mete sɛ mum a ontumi nkasa.

14 Mayɛ sɛ obi a ɔnte asɛm, nea nʼano ntumi mma mmuae.

15 Awurade, meretwɛn wo; Awurade me Nyankopɔn, wubegye me so.

16 Mekae se, “Mma wɔn ani nnye; anaa wɔmma wɔn ho so bere a mʼanan awatiri no.”

17 Mereyɛ mahwe ase, na me yaw da so wɔ me mu.

18 Meka me mfomso kyerɛ; me bɔne hyɛ me so.

19 Bebree na wɔyɛ mʼatamfo; wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso.

20 Wɔn a wɔde bɔne tua me papa so ka no, bɔ me ahohora bere a mereyɛ papa.

21 Awurade nnyaw me. Me Nyankopɔn, nkɔ akyiri!

22 Bra ntɛm bɛboa me, Awurade, mʼAgyenkwa. Wɔde ma dwonkyerɛfo no. Yedutun.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan