Nnwom 36 - Akuapem Twi Nkwa AsɛmDwom 36 Awurade somfo Dawid dwom. 1 Nkɔmhyɛ bi wɔ me koma mu a efi Onyankopɔn hɔ a ɛfa omumɔyɛfo mmarato ho. Onyankopɔn suro nni wɔn ani so. 2 Na ɔno ankasa ani so no ɔdaadaa no ho dodo, nti ɛmma onhu ne bɔne nnyae yɛ. 3 Nʼanom nsɛm yɛ atirimɔden ne nnaadaa; onnim nyansa bio na wayɛ papa. 4 Ɔda ne mpa so mpo a ɔbɔ pɔw bɔne; na ogyaa ne ho ma bɔne kwan na ɔmpo nea enye. 5 Awurade, wʼadɔe du ɔsorosoro wo nokwaredi du wim tɔnn. 6 Wo trenee te sɛ mmepɔw akɛse. Wʼatɛntrenee mu dɔ sɛ po bun. Ao Awurade, wokora nnipa ne mmoa nyinaa so. 7 Wʼadɔe a ɛnsa da no som bo! Nnipa mu akɛse ne nketewa nya guankɔbea wɔ wo ntaban nwini ase. 8 Wodi nea abu so wɔ wo fi, woma wɔnom fi wʼanika asuten no mu. 9 Wo nkyɛn na nkwa asuti wɔ; wo hann mu na yehu hann. 10 Kɔ so dɔ wɔn a wonim wo, ma wo trenee ntena wɔn a wɔteɛ, koma mu. 11 Mma ɔhantanni nan ntia me anaa omumɔyɛfo nsa nnsunsum me. 12 Hwɛ sɛnea nnebɔneyɛfo ahwehwe ase, wɔdeda hɔ a wɔrentumi nsɔre bio. |
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.