Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 33 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 33

1 Momfa ahurusi nto dwom mma Awurade, mo atreneefo, ɛfata sɛ wɔn a wɔteɛ no yi no ayɛ.

2 Momfa sanku nkamfo Awurade; monto dwom mma no wɔ sankuten so.

3 Monto dwom foforo mma no. Momfa nimdeɛ mmɔ sanku no na monteɛ mu ahurusi so!

4 Awurade asɛm teɛ na ɛyɛ nokware odi nokware wɔ nea ɔyɛ nyinaa mu.

5 Awurade dɔ treneeyɛ ne atɛntrenee. Nʼadɔe a ɛnsa da no ahyɛ asase so ma.

6 Awurade asɛm so na wɔnam yɛɛ ɔsorosoro, nʼanom home so na wɔnam yɛɛ ɔsoro asafo.

7 Ɔka po nsu boa ano kuw; na ɔde bun sie nea hɔ dɔ.

8 Momma asase sofo nyinaa nsuro Awurade; na wiasefo nyinaa mfa nidi mma no.

9 Ɔno na ɔkasa ma ɛbaa mu na ɔhyɛ ma egyinaa pintinn.

10 Awurade sɛe amanaman no nhyehyɛe; ɔma adesamma nsusuwii yɛ ɔkwa.

11 Nanso Awurade nhyehyɛe tim hɔ daa, ne koma mu botae wɔ hɔ ma awo ntoatoaso.

12 Nhyira ne ɔman a ne Nyankopɔn ne Awurade, nnipa a oyii wɔn sɛ nʼagyapade no.

13 Awurade hwɛ adesamma nyinaa fi ɔsoro.

14 Ofi nʼatenae hwɛ wɔn a wɔte asase so nyinaa.

15 Ɔno ne nea ɔbɔɔ wɔn nyinaa koma, na osusuw nea wɔyɛ nyinaa ho.

16 Ɛnyɛ ɔhene asraafo dɔm kɛse na ebegye no; ɔkofo biara nni hɔ a ofi nʼahoɔden mu guan.

17 Ɔpɔnkɔ mu ahotoso yɛ ɔkwa wɔ nkwagye mu; nʼahoɔden nyinaa akyi no, ɔrentumi nnye nkwa.

18 Nanso Awurade ani wɔ wɔn a wosuro no no so, wɔn a wɔwɔ anidaso wɔ ne dɔ a ɛnsa da no mu,

19 sɛ obegye wɔn afi owu mu na wama wɔatena nkwa mu wɔ ɔkɔm bere mu.

20 Yɛde anidaso twɛn Awurade; ɔyɛ yɛn boafo ne yɛn nkatabo.

21 Ne mu na yɛn koma di ahurusi, efisɛ yɛde yɛn ho to ne din kronkron no so.

22 Ma wʼadɔe a ɛnsa da no ntena yɛn so, Awurade, sɛnea anidaso a yɛwɔ wɔ mu no te.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan