Nnwom 32 - Akuapem Twi Nkwa AsɛmDwom 32 Dawid dwom. 1 Nhyira ne wɔn a wɔde wɔn amumɔyɛ akyɛ wɔn, na wɔakata wɔn bɔne so. 2 Nhyira nka onipa a Awurade mmu ne bɔne ngu no so na nnaadaa nni ne honhom mu. 3 Bere a meyɛɛ komm no, me nnompe yɛɛ mmrɛw, apini a misii no da mu nyinaa nti. 4 Awia ne anadwo wo nsa yɛɛ den wɔ me so; mʼahoɔden sae te sɛ awia bere mu ɔhyew. 5 Afei, migyee me bɔne too mu. Mankata mʼamumɔyɛ so. Mekae se, “Mɛka me bɔne akyerɛ Awurade,” na wode me bɔne ho afɔdi kyɛɛ me. 6 Enti, ma agyidifo nyinaa mmɔ wo mpae bere a wohu wo; ampa ara sɛ asu akɛse yiri a, ɛrenka no. 7 Wone me hintabea; wobɛbɔ me ho ban wɔ amanehunu mu na wode nkwagye nnwom atwa me ho ahyia. 8 Mɛkyerɛkyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so metu wo fo na mahwɛ wo so. 9 Ɛnyɛ sɛ ɔpɔnkɔ anaa afurumpɔnkɔ a onni ntease nti wɔde nnareka ne hama na ɛdannan no, sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛba wo nkyɛn. 10 Omumɔyɛfo amanehunu dɔɔso, nanso Awurade adɔe a ɛnsa da no twa onipa a ɔde ne ho to no so no ho hyia. 11 Munni ahurusi na mo ani nnye wɔ Awurade mu, mo atreneefo; monto dwom, mo a mo koma mu tew. |
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.