Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 3 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 3
Dawid dwom a ɔtoe bere a ɔreguan afi ne babarima Absalom anim.

1 Awurade, hwɛ sɛnea mʼatamfo dɔɔso fa! dodow no ara na wɔsɔre tia me!

2 Bebree no ara ka fa me ho se, “Onyankopɔn rennye no.”

3 Nanso wo, Awurade, woyɛ nkatabo a atwa me ho ahyia mʼanuonyam, nea Ɔpagyaw me ti.

4 Meteɛ mu su frɛ Awurade, na ogye me so fi ne bepɔw kronkron no so.

5 Metɔ hɔ na meda a, minyan bio, efisɛ Awurade ma migyina.

6 Merensuro atamfo mpem mpem a wɔatwa me ho ahyia no.

7 Sɔre, Awurade! Gye me, me Nyankopɔn! Bobɔ mʼatamfo nyinaa abogye; na tutu amumɔyɛfo se.

8 Awurade hɔ na ogye fi ba. Ma wo nhyira mmra wo nkurɔfo so. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto wɔ sankuhama so.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan