Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 29 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 29
Dawid dwom.

1 Momfa mma Awurade no, mo ɔsoro abɔde, momfa anuonyam ne tumi mma Awurade.

2 Momfa anuonyam a ɛfata Awurade din mma no; monsɔre Awurade wɔ nʼanuonyam kronkron mu.

3 Awurade nne wɔ nsu no so; anuonyam Nyankopɔn bobɔ mu, Awurade bobɔ mu wɔ nsu akɛse so.

4 Awurade nne mu wɔ tumi; Awurade nne mu wɔ anuonyam.

5 Awurade nne bubu sida; Awurade nne bubu Lebanon sida mu nketenkete

6 Ɔma Lebanon huruhuruw te sɛ nantwi ba, na Sirion nso sɛ ɛko ba.

7 Awurade nne pa ma anyinam gya dɛw.

8 Awurade nne wosow sare so; Awurade wosow Kades sare.

9 Awurade nne kyinkyim adum na ɛma kwae yɛ kwaterekwa. Nʼasɔredan mufo nyinaa teɛ mu ka se, “Anuonyam nka Onyankopɔn!”

10 Awurade di hene wɔ nsuyiri so; wɔasi Awurade hene afebɔɔ.

11 Awurade ma ne nkurɔfo ahoɔden, na ɔde asomdwoe hyira wɔn. Dwom a wɔto de buee Asɔredan no ano.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan