Nnwom 28 - Akuapem Twi Nkwa AsɛmDwom 28 Dawid dwom. 1 Wo na misu frɛ wo, Awurade me Botan; nsiw wʼaso wɔ me ho. Sɛ woyɛ komm a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no. 2 Tie me mmɔborɔsu bere a mefrɛ wo apɛ mmoa, bere a mema me nsa so kyerɛ wo Tenabea Kronkron hɔ. 3 Mfa me mfra amumɔyɛfo mu ntwe me nkɔ, mfa me nka wɔn a wɔyɛ bɔne no ho. Wɔne wɔn yɔnkonom kasa fɛfɛ, nanso wɔde ɔtan sie wɔn koma mu. 4 Twe wɔn aso wɔ nea wɔayɛ no so; wɔn adwuma bɔne no so; tua nea wɔde wɔn nsa ayɛ so ka na fa nea ɛfata wɔn san bra wɔn so. 5 Sɛ wommu nea Awurade ayɛ ne nea ɔde ne nsa ayɛ no nti ɔbɛbrɛ wɔn ase na ɔremma wɔnnsɔre bio. 6 Ayeyi nka Awurade, efisɛ watie me mmɔborɔsu. 7 Awurade ne mʼahoɔden ne me nkatabo me koma wɔ ne mu ahotoso, na ɔboa me. Me koma di ahurusi na mede dwonto bɛda no ase. 8 Awurade yɛ ahoɔden ma ne nkurɔfo; ne nkwagye nsraban ma nea wɔasra no ngo. 9 Gye wo nkurɔfo na hyira wʼagyapade; yɛ wɔn hwɛfo, na wo ne wɔn nnantew afebɔɔ. |
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.