Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 26 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 26
Dawid dwom.

1 Bu me bem, Awurade, efisɛ, mabɔ bra a asɛm nni ho: mede me ho too Awurade so na manhinhim.

2 Sɔ me hwɛ, Awurade, hwehwɛ me koma ne mʼadwene mu.

3 Wʼadɔe wɔ mʼanim daa na mɛnantew wo nokware mu.

4 Me ne nnaadaafo ntena na me ne nyaatwomfo nso nni hwee yɛ.

5 Mikyi nnebɔneyɛfo guabɔ na mempɛ sɛ me ne amumɔyɛfo tena.

6 Mehohoro me nsa wɔ bembu mu, na mekɔ wʼafɔremuka ho ahyia, Awurade,

7 na mepae mu ka wʼayeyi na meka wʼanwonwade nyinaa.

8 Mʼani gye ofi a wote mu ho, Awurade, faako a wʼanuonyam wɔ no.

9 Mfa me kra nka nnebɔneyɛfo de ho nkɔ, ne me nkwa nka mogyapɛfo de ho,

10 wɔn a amumɔyɛ nhyehyɛe wɔ wɔn nsam na adanmude ayɛ wɔn nsa nifa ma.

11 Nanso mebɔ ɔbra a ho tew; hu me mmɔbɔ na gye me nkwa.

12 Mʼanan sisi asase tamaa so; na guabɔ kɛse ase na mɛkamfo Awurade.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan