Nnwom 20 - Akuapem Twi Nkwa AsɛmDwom 20 Dawid dwom. 1 Awurade ntie wo wɔ wʼahohia mu; Yakob Nyankopɔn din mmɔ wo ho ban. 2 Ɔmfa mmoa mfi kronkronbea hɔ mmrɛ wo, na omfi Sion mmɛhyɛ wo den. 3 Ɔnkae wʼafɔrebɔ nyinaa, na ɔmma wo hyew afɔre nsɔ nʼani. 4 Ɔmma wo nea wo koma pɛ, na wo nhyehyɛe nyinaa nyɛ yiye. 5 Yɛbɛbɔ ose bere a woadi nkonim, na yɛama yɛn frankaa so wɔ yɛn Nyankopɔn din mu. Awurade nyɛ wʼabisade nyinaa mma wo. 6 Afei mahu sɛ Awurade ma nea wasra no no nkonimdi, ofi ne kronkronbea wɔ ɔsoro gye no so, ɔde ne nkonimdi tumi a ɛwɔ ne nsa nifa mu no. 7 Ebinom de wɔn ho to wɔn nteaseɛnam so na afoforo nso, wɔn apɔnkɔ so, nanso yɛn de, yɛde yɛn ho to Awurade yɛn Nyankopɔn din so. 8 Wɔbrɛ wɔn ase ma wɔhwehwe ase, na yɛn de, yɛsɔre gyina kirebenn. 9 Awurade, ma ɔhene nkonimdi! Yɛfrɛ a, gye yɛn so! Wɔde ma dwonkyerɛfo. |
Akuapem Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Akuapem Twi Contemporary Bible™
Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.