Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 19 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 19
Dawid dwom.

1 Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam! Wim pae mu ka ne nsa ano adwuma,

2 Da biara, wɔkasa; anadwo biara, wɔda nimdeɛ adi.

3 Wonni ɔkasa, wɔnnka nsɛm; wɔnnte wɔn nne.

4 Wɔn nne akodu asase so mmaa nyinaa, na wɔn nsɛm nso akodu asase ano. Onyankopɔn asi ntamadan ama owia wɔ ɔsoro hɔ.

5 Ɛte sɛ ayeforokunu a ofi ne pia mu, te sɛ ɔbran a ne ho pere no sɛ obetu ne mmirika.

6 Epue wɔ ɔsoro fa baabi na atwa ne ho akosi ano; biribiara nsiw ne hyew ho kwan.

7 Awurade mmara yɛ pɛ, ɛkanyan ɔkra no. Ahotoso wɔ Awurade nhyehyɛe mu, ɛma nea onnim nyansa hu nyansa.

8 Awurade ahyɛde teɛ; ɛma koma mu anigye. Awurade ɔhyɛ nsɛm mu da hɔ; na ebue ani.

9 Awurade suro yɛ kronkron, ɛte hɔ daa. Awurade mmara nsɛm yɛ nokware na ne nyinaa teɛ.

10 Ɛsom bo sen sikakɔkɔɔ ɛsen sikakɔkɔɔ kann; ɛyɛ dɛ sen ɛwo, ɛsen ɛwo a efi ɛwokyɛm mu.

11 Wɔnam so bɔ wo somfo kɔkɔ se, sodi so akatua yɛ bebree.

12 Hena na ohu nʼankasa mfomso? Fa me mfomso a ahintaw kyɛ me.

13 Bɔ wʼakoa ho ban fi ɔboayɛ bɔne ho, na anhyɛ me so. Ɛno na ɛbɛma madi bem, a merenni fɔ wɔ bɔne akɛse ho.

14 Ma mʼanom nsɛm ne me koma mu adwene nyɛ nea ɛsɔ wʼani, Awurade me Botan ne me Gyefo. Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan