Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 17 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 17
Dawid Mpaebɔ.

1 Awurade, tie me trenee abisade; tie me sufrɛ. Yɛ aso ma me mpaebɔ; nea emfi nnaadaa anofafa mu.

2 Ma me bembu mfi wo; ma wʼani nhu nea ɛyɛ pɛ.

3 Wopɛɛpɛɛ me koma mu, wohwehwɛ me mu anadwo, na wosɔ me hwɛ de, nanso wubehu sɛ minsusuw bɔne bi ɛ; mʼano nkaa bɔne bi ɛ.

4 Nnipa nneyɛe fam no, anom asɛm nti matwe me ho afi basabasayɛfo akwan ho.

5 Menam wʼakwan so daa; me nan nhintiw ɛ.

6 Misu mefrɛ wo, Onyankopɔn na wubegye me so; yɛ aso ma me na tie me mpaebɔ.

7 Da wo dɔ nwonwaso no adi; wo a wode wo nsa nifa gye wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nkwa fi wɔn atamfo nsam no.

8 Hwɛ me so sɛ obi a wodɔ no; fa me sie wo ntaban nwini no ase,

9 fi amumɔyɛfo a wɔretaataa me no nsam, mʼatamfo a wɔatwa me ho ahyia no.

10 Wopirim wɔn koma, na wɔkasa ahantan so.

11 Wɔadi me ntɛntɛ, afei wɔatwa me ho ahyia; wɔn ani abere sɛ wɔbɛbɔ me ahwe fam.

12 Wɔte sɛ gyata a hanam ho kɔm de no, te sɛ gyata kɛse bi a wabutuw wɔ ahintawee.

13 Sɔre, Awurade! Wone wɔn mfa mmɔ ani na ka wɔn hyɛ; fa wʼafoa no gye me fi amumɔyɛfo no nsam.

14 Awurade, fa wo nsa gye me fi nnipa a wɔte sɛɛ nsam; asase so nnipa a wɔn akatua wɔ nkwa yi mu no. Womma ɔkɔm nne wɔn a wʼani ku wɔn ho; wɔn mmabarima wɔ bebree, na wɔkora agyapade ma wɔn mma.

15 Na me trenee mu, mehu wʼanim; sɛ minyan na mihu wo a me koma bɛtɔ me yam. Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan