Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 15 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 15
Dawid dwom.

1 Awurade, hena na ɔbɛtena wo kronkronbea ntamadan no mu? Hena na ɔbɛtena wo bepɔw kronkron no so?

2 Nea ne ho nni asɛm na ɔyɛ nea ɛteɛ, nea ɔka nokware a efi ne koma mu

3 na ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nnipa nea ɔnyɛ ne yɔnko bɔne na ommu ne yɔnko nipa abomfiaa,

4 nea obu afideyɛni animtiaa na ɔde nidi ma wɔn a wosuro Awurade, nea odi ne ntam so, bere a etia no mpo,

5 nea ɔde ne sika bɔ bosea a onnye nsiho na onnye adanmude ntia nea odi bem. Nea ɔyɛ eyinom no renhinhim da.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan