Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 149 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 149

1 Monkamfo Awurade. Monto dwom foforo mma Awurade, monkamfo no wɔ ahotefo asafo mu.

2 Ma Israel ani nnye ne Yɛfo mu. Ma Sion mma ani nnye wɔn Hene mu.

3 Ma wɔmfa asaw nkamfo ne din na wɔmfa sanku ne akasaa nto dwom mma no.

4 Na Awurade ani sɔ ne nkurɔfo; ɔde nkwagye kyɛw hyɛ ahobrɛasefo.

5 Momma ahotefo nni ahurusi wɔ anuonyam yi mu; na wɔnto ahosɛpɛw dwom wɔ wɔn mpa so.

6 Onyankopɔn nkamfo nhyɛ wɔn anom, na ɛnyɛ afoa anofanu wɔ wɔn nsam,

7 sɛ wɔmfa ntɔ were wɔ amanaman no so ne asotwe wɔ nnipa no so,

8 sɛ wɔmfa nyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere wɔn ahemfo, ne dade mpokyerɛ ngu wɔn atitiriw,

9 sɛ wɔmfa mmu atɛn, sɛnea wɔakyerɛw atia wɔn no. Eyi ne nʼahotewfo nyinaa anuonyam. Monkamfo Awurade.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan