Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 144 - Akuapem Twi Nkwa Asɛm


Dwom 144
Dawid de.

1 Nkamfo nka Awurade, me Botan, nea ɔma me nsa akodi ho ntetewee, ne me nsateaa ma ɔsa.

2 Ɔyɛ mʼadɔe Nyankopɔn ne mʼabandennen, me bammɔ ne me gyefo, me kyɛm a mewɔ guankɔbea wɔ no mu, ɔno na ɔka nnipa hyɛ mʼase.

3 Awurade, hena ne onipa a wʼani ku no ho onipa ba a wudwen ne ho yi?

4 Onipa te sɛ ɔhome; ne nna te sɛ sunsuma a ɛretwa mu.

5 Awurade, fi ɔsoro hɔ na sian bra fam; fa wo nsa ka mmepɔw, na emfi wusiw.

6 Soma anyinam na bɔ atamfo no hwete; to wo mmɛmma no ma wonguan.

7 Teɛ wo nsa fi ɔsoro bra fam; gye me na yi me fi nsu akɛse ho, fi ananafo nsam,

8 wɔn a atoro ayɛ wɔn anom ma, na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.

9 Onyankopɔn, mɛto dwom foforo ama wo; mɛto dwom wɔ sanku a ahama du gu so so ama wo,

10 ama Ɔbaako a ɔde nkonimdi ma ahemfo, na ogye ne somfo Dawid fi afoawerɛmfo ano.

11 Gye me na yi me fi ananafo nsam, wɔn a atoro ayɛ wɔn anom ma na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.

12 Afei yɛn mmabarima mmerantebere mu bɛyɛ sɛ afifide a wɔahwɛ so yiye, na yɛn mmabea bɛyɛ sɛ adum a wɔasen de asiesie ahemfi.

13 Yɛn asan bɛyɛ amaama; aduan ahorow biara bɛba so. Yɛn nguan dodow so bɛto mpem mpem, wɔn so bɛto mpem du du wɔ yɛn mfuw so;

14 yɛn anantwi bɛtwe nnesoa duruduru. Wɔrennwiriw afasu, yɛrenkɔ nkoasom mu, na agyaadwotwa remma yɛn mmɔnten so.

15 Nhyira nka nnipa a ɛbɛba mu saa ama wɔn. Nhyira nka nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Awurade.

Akuapem Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 2000, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nkutoo na wɔma kwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Akuapem Twi Contemporary Bible™

Copyright © 2000, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan